Surah 42 · 53 verses · Sheikh Haroun Ismaeel

Surah Ash-Shura in Twi

In English with tafsir

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

42:1

حمٓ

Haa – Miim

42:2

عٓسٓقٓ

Ain - Siin - Qaaf

42:3

كَذَٰلِكَ يُوحِيٓ إِلَيۡكَ وَإِلَى ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِكَ ٱللَّهُ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ

(Nkͻmhyεni) sεdeε Nyankopͻn Tumfoͻ, Nyansafoͻ no Yi (Adiyisεm no) ma woͻ no, saa ara na Oyi maa wͻn a wͻ’dii W’anim kan no

42:4

لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَلِيُّ ٱلۡعَظِيمُ

Adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so nyinaa wͻ no; Ɔne Okokroko no, Ɔne Ɔkεseε no

42:5

تَكَادُ ٱلسَّمَٰوَٰتُ يَتَفَطَّرۡنَ مِن فَوۡقِهِنَّۚ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ يُسَبِّحُونَ بِحَمۡدِ رَبِّهِمۡ وَيَسۡتَغۡفِرُونَ لِمَن فِي ٱلۡأَرۡضِۗ أَلَآ إِنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ

Ɔsoro mu reyε apaepae wͻ wͻn apampamu (wͻ N’animuonyam mu), na Soro abͻfoͻ de wͻn Wura Nyankopͻn abodin no bͻ no, wͻ’san srε bͻnefakyε nso ma wͻn a wͻn wͻ asaase soͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Wura no, Ɔne Mmͻborͻhunu Hene no

42:6

وَٱلَّذِينَ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِهِۦٓ أَوۡلِيَآءَ ٱللَّهُ حَفِيظٌ عَلَيۡهِمۡ وَمَآ أَنتَ عَلَيۡهِم بِوَكِيلٍ

Wͻn a wͻ’fri N’akyi fa akyitaafoͻ no, Onyankopͻn ne wͻn Hwεsofoͻ, na (Nkͻmhyεni), wonyε wͻn so hwεfoͻ

42:7

وَكَذَٰلِكَ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ قُرۡءَانًا عَرَبِيًّا لِّتُنذِرَ أُمَّ ٱلۡقُرَىٰ وَمَنۡ حَوۡلَهَا وَتُنذِرَ يَوۡمَ ٱلۡجَمۡعِ لَا رَيۡبَ فِيهِۚ فَرِيقٌ فِي ٱلۡجَنَّةِ وَفَرِيقٌ فِي ٱلسَّعِيرِ

Saa ara na Y’ayi Qur’aan wͻ Arab (kasa mu) ama woͻ sεdeε wode bεbͻ Ahenkuro (Maka), ne wͻn a atwa ho ahyia no kͻkͻ, na wobεbͻ (amanfoͻ) kͻkͻ wͻ Nhyiamu da a akyinyeε biara nni ho no ho. (Saa Da no nnipa no mu) fekuo bi bεkͻ Soro Aheman no mu, na fekuo bi nso bεkͻ Amanehunu gya no mu

42:8

وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ لَجَعَلَهُمۡ أُمَّةً وَٰحِدَةً وَلَٰكِن يُدۡخِلُ مَن يَشَآءُ فِي رَحۡمَتِهِۦۚ وَٱلظَّٰلِمُونَ مَا لَهُم مِّن وَلِيٍّ وَلَا نَصِيرٍ

Sε Nyankopͻn pε a anka Ɔbεyε wͻn (nyinaa) ͻman baako (ama wͻn nyinaa asom ͻsom korͻ), nanso Ɔde obi a Ɔpε wura N’ahummͻborͻ no mu. Na abͻneεfoͻ no deε wͻ’nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ (biara)

42:9

أَمِ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِهِۦٓ أَوۡلِيَآءَۖ فَٱللَّهُ هُوَ ٱلۡوَلِيُّ وَهُوَ يُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٍ قَدِيرٌ

Anaasε wͻ’afri N’akyi afa akyitaafoͻ? Onyankopͻn nko ara ne Okyitaafoͻ. Ɔno na Ɔma owufoͻ nkwa, na Ɔno na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ

42:10

وَمَا ٱخۡتَلَفۡتُمۡ فِيهِ مِن شَيۡءٍ فَحُكۡمُهُۥٓ إِلَى ٱللَّهِۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبِّي عَلَيۡهِ تَوَكَّلۡتُ وَإِلَيۡهِ أُنِيبُ

Deε monte moho ase wᴐ ho no, εho atemmuo no wͻ Nyankopͻn hͻ. Ɔno ne Nyankopͻn, me Wura no; Neso na mede meho toͻ, na Nehͻ na medane meho dema

42:11

فَاطِرُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ جَعَلَ لَكُم مِّنۡ أَنفُسِكُمۡ أَزۡوَٰجًا وَمِنَ ٱلۡأَنۡعَٰمِ أَزۡوَٰجًا يَذۡرَؤُكُمۡ فِيهِۚ لَيۡسَ كَمِثۡلِهِۦ شَيۡءٌۖ وَهُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡبَصِيرُ

Ɔsoro ne asaase Yεfoͻ no, W’ayε mo mmienu mmienu (ͻbaa ne ͻbarima) fri mo ara mo mu ama mo, nyεmmoa nso onini ne ͻbedeε, (saa kwan yi) so na W’ama mo adͻͻso. Biribiara ntesε Ɔno. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔno ara nso na Ohu biribiara

42:12

لَهُۥ مَقَالِيدُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُۚ إِنَّهُۥ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٌ

Ɔsoro ne asaase so akoradeε safoa wͻ no, Ɔbae N’adom no mu ma obi a Ɔpε, εna Osusu nso (ma obi a Ɔpε). Nokorε sε Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ

42:13

شَرَعَ لَكُم مِّنَ ٱلدِّينِ مَا وَصَّىٰ بِهِۦ نُوحًا وَٱلَّذِيٓ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ وَمَا وَصَّيۡنَا بِهِۦٓ إِبۡرَٰهِيمَ وَمُوسَىٰ وَعِيسَىٰٓۖ أَنۡ أَقِيمُواْ ٱلدِّينَ وَلَا تَتَفَرَّقُواْ فِيهِۚ كَبُرَ عَلَى ٱلۡمُشۡرِكِينَ مَا تَدۡعُوهُمۡ إِلَيۡهِۚ ٱللَّهُ يَجۡتَبِيٓ إِلَيۡهِ مَن يَشَآءُ وَيَهۡدِيٓ إِلَيۡهِ مَن يُنِيبُ

W’akyerε mu pefee akyerε mo fa Nyamesom no a Ɔde maa Noa ne deε Y’ayi de ama woͻ yi, ne deε Yε’de maa Abraham ne Mose ne Yesu. Yεka kyerεε wͻn sε: “Monfa ͻsom no nsi hͻ na monhwε na moanyε mpaepaemu wͻ ho. Ԑyε asεm a εyε den ma abosomsomfoͻ no wͻ deε worefrε wͻn akͻ no. Onyankopͻn yi obia Ɔpε dema Neho, na Ɔkyerε obia Ɔdane neho ba Nehͻ no kwan

42:14

وَمَا تَفَرَّقُوٓاْ إِلَّا مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَهُمُ ٱلۡعِلۡمُ بَغۡيَۢا بَيۡنَهُمۡۚ وَلَوۡلَا كَلِمَةٌ سَبَقَتۡ مِن رَّبِّكَ إِلَىٰٓ أَجَلٍ مُّسَمًّى لَّقُضِيَ بَيۡنَهُمۡۚ وَإِنَّ ٱلَّذِينَ أُورِثُواْ ٱلۡكِتَٰبَ مِنۢ بَعۡدِهِمۡ لَفِي شَكٍّ مِّنۡهُ مُرِيبٍ

(Mfitiaseԑ no) na wͻn mu mpaepae kͻpem akyire yi a nimdeε baa wͻn hͻ, εnam ahoͻyaa a εwͻ wͻn mu no nti. Sε εnyε asεm a adi kan afiri wo Wura Nyankopͻn hͻ de ama Ɛberε a yahyε no a, anka y’abu wͻn ntεm atεn. Nokorε sε wͻn a wͻ’bedii Nwoma no akonwa wͻ wͻn (a wͻ’baa wͻn a wͻ’dii Nkͻmhyεfoͻ no) akyiri no adwen nsipi wͻ ho koraa

42:15

فَلِذَٰلِكَ فَٱدۡعُۖ وَٱسۡتَقِمۡ كَمَآ أُمِرۡتَۖ وَلَا تَتَّبِعۡ أَهۡوَآءَهُمۡۖ وَقُلۡ ءَامَنتُ بِمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ مِن كِتَٰبٍۖ وَأُمِرۡتُ لِأَعۡدِلَ بَيۡنَكُمُۖ ٱللَّهُ رَبُّنَا وَرَبُّكُمۡۖ لَنَآ أَعۡمَٰلُنَا وَلَكُمۡ أَعۡمَٰلُكُمۡۖ لَا حُجَّةَ بَيۡنَنَا وَبَيۡنَكُمُۖ ٱللَّهُ يَجۡمَعُ بَيۡنَنَاۖ وَإِلَيۡهِ ٱلۡمَصِيرُ

Enti (Islam som) so na frε (amanfoͻ kᴐ), na gyina pintinn sεdeε yahyε woͻ no, na enni wͻn apεdeε akyi, na kasε: “Megye deε Nyankopͻn asiane no wͻ Nwoma no mu no di, na yahyε me sε meni nokorε wͻ montεm. Onyankopͻn ne yεn Wura, Ɔne monso mo Wura. Yεn nyuma wͻ yεn, monso monyuma wͻ mo. Akyinyeε biara nna yεn ne mo ntεm. Onyankopͻn bεboa yεn nyinaa ano, na Nehͻ ne biribiara nnkyi “

42:16

وَٱلَّذِينَ يُحَآجُّونَ فِي ٱللَّهِ مِنۢ بَعۡدِ مَا ٱسۡتُجِيبَ لَهُۥ حُجَّتُهُمۡ دَاحِضَةٌ عِندَ رَبِّهِمۡ وَعَلَيۡهِمۡ غَضَبٌ وَلَهُمۡ عَذَابٌ شَدِيدٌ

Wͻn a wͻ’gye Nyankopͻn (anaa Nesom) ho akyinyeε wͻ akyire yi a (amanfoͻ) agye soͻ no, (saa nkorͻfoͻ no) kyεw pa nsi hwee wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim; na abufuo wͻ wͻn so na wͻn wͻ asotwee a ano yε den paa

42:17

ٱللَّهُ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ ٱلۡكِتَٰبَ بِٱلۡحَقِّ وَٱلۡمِيزَانَۗ وَمَا يُدۡرِيكَ لَعَلَّ ٱلسَّاعَةَ قَرِيبٌ

Nyankopͻn na Ɔde nokorε no asiane Nwoma no, εne nsania. Na deεn na εbεkyerε wo sε ebia Dͻnhwere no abεn

42:18

يَسۡتَعۡجِلُ بِهَا ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِهَاۖ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مُشۡفِقُونَ مِنۡهَا وَيَعۡلَمُونَ أَنَّهَا ٱلۡحَقُّۗ أَلَآ إِنَّ ٱلَّذِينَ يُمَارُونَ فِي ٱلسَّاعَةِ لَفِي ضَلَٰلِۭ بَعِيدٍ

Wͻn a wͻ’nnye nnie no pε (saa Da) no ntεmtεm; na wͻn a wͻ’gye die no nso bͻ hu wͻ ho, na wͻ’nim yie sε (saa Da no) yε nokorε. Nokorε sε wͻn a wͻ’gye Dͻnhwere no ho akyinyeε no wͻ ͻyera mu (kͻ) akyirikyiri paa

42:19

ٱللَّهُ لَطِيفُۢ بِعِبَادِهِۦ يَرۡزُقُ مَن يَشَآءُۖ وَهُوَ ٱلۡقَوِيُّ ٱلۡعَزِيزُ

Onyankopͻn yε Ayεmyε Hene dema Nenkoa. Ɔbͻ obi a Ɔpε akͻnhoma, na Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ no, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε

42:20

مَن كَانَ يُرِيدُ حَرۡثَ ٱلۡأٓخِرَةِ نَزِدۡ لَهُۥ فِي حَرۡثِهِۦۖ وَمَن كَانَ يُرِيدُ حَرۡثَ ٱلدُّنۡيَا نُؤۡتِهِۦ مِنۡهَا وَمَا لَهُۥ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ مِن نَّصِيبٍ

Obi a ͻrepε Daakye akatua no Yε’de n’akatua no bͻ ho ma no; na obi a ͻpε wiase akatua no nso Yε’de ma no, na onni kyεfa wͻ Daakye no mu

42:21

أَمۡ لَهُمۡ شُرَكَٰٓؤُاْ شَرَعُواْ لَهُم مِّنَ ٱلدِّينِ مَا لَمۡ يَأۡذَنۢ بِهِ ٱللَّهُۚ وَلَوۡلَا كَلِمَةُ ٱلۡفَصۡلِ لَقُضِيَ بَيۡنَهُمۡۗ وَإِنَّ ٱلظَّٰلِمِينَ لَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٌ

Anaasε wͻn wͻ wͻn a wͻ’de wͻn bata (Nyankopͻn) ho a wͻn ahyehyε ͻsom mmra bi ama wͻn a Onyankopͻn mmaa ho kwan? Sε εnyε sε asεm no (adikan dada) wͻ atemmuo no ho a, anka yabu wͻn ntεm atεn. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ asotwee a εyε ya paa

42:22

تَرَى ٱلظَّٰلِمِينَ مُشۡفِقِينَ مِمَّا كَسَبُواْ وَهُوَ وَاقِعُۢ بِهِمۡۗ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ فِي رَوۡضَاتِ ٱلۡجَنَّاتِۖ لَهُم مَّا يَشَآءُونَ عِندَ رَبِّهِمۡۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَضۡلُ ٱلۡكَبِيرُ

(Atemmuda no) wobehunu sεdeε abͻneεfoͻ no besi abͻ hu wͻ deε wͻnsa aka no ho, na (εho asotwee no) bεba wͻn so. Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso wͻ Soro aheman frͻmfrͻm anigye bea no mu. Wͻ’benya deε wͻ’pε biara wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Woi yε adom kεseε paa

42:23

ذَٰلِكَ ٱلَّذِي يُبَشِّرُ ٱللَّهُ عِبَادَهُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِۗ قُل لَّآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ أَجۡرًا إِلَّا ٱلۡمَوَدَّةَ فِي ٱلۡقُرۡبَىٰۗ وَمَن يَقۡتَرِفۡ حَسَنَةً نَّزِدۡ لَهُۥ فِيهَا حُسۡنًاۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٌ شَكُورٌ

Woi ne bͻhyԑ a Nyankopͻn dehyԑ nenkoa a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Memmisaa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) so akatua, na mmom (deε merehwehwε ne) abusua dͻ. Obi a obenya papa no, Yε’de papa no bi bεka ho ama no. Nokorε sε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayeyie Wura “

42:24

أَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبًاۖ فَإِن يَشَإِ ٱللَّهُ يَخۡتِمۡ عَلَىٰ قَلۡبِكَۗ وَيَمۡحُ ٱللَّهُ ٱلۡبَٰطِلَ وَيُحِقُّ ٱلۡحَقَّ بِكَلِمَٰتِهِۦٓۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ

Anaasε (Nkͻmhyεni), wͻn (a wͻ’nnye nnie no) ka sε, w’abͻ wotrim atwa nkontompo ato Onyankopͻn so? Sε Ɔpε a anka Ͻbesi w’akoma ano (ama wo werε afri deε wonim no wͻ Qur’aan yi ho). Onyankopͻn pepa nkontompo na Ɔde Nekasaa ama nokorε agyina. Nokorε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ

42:25

وَهُوَ ٱلَّذِي يَقۡبَلُ ٱلتَّوۡبَةَ عَنۡ عِبَادِهِۦ وَيَعۡفُواْ عَنِ ٱلسَّيِّـَٔاتِ وَيَعۡلَمُ مَا تَفۡعَلُونَ

Ɔno na Ɔgye N’akoa adwen sakra soͻ, εna Ɔde bͻne firie, Onim dwuma a modie nyinaa

42:26

وَيَسۡتَجِيبُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَيَزِيدُهُم مِّن فَضۡلِهِۦۚ وَٱلۡكَٰفِرُونَ لَهُمۡ عَذَابٌ شَدِيدٌ

Ɔtie wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no sufrε, na Ɔde N’adom no bi ka wͻn ho. Boniayεfoͻ no deε wͻ’benya asotwee a ano yε den paa

42:27

وَلَوۡ بَسَطَ ٱللَّهُ ٱلرِّزۡقَ لِعِبَادِهِۦ لَبَغَوۡاْ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَٰكِن يُنَزِّلُ بِقَدَرٍ مَّا يَشَآءُۚ إِنَّهُۥ بِعِبَادِهِۦ خَبِيرُۢ بَصِيرٌ

Sε Nyankopͻn rebae N’akͻnhoma mu paa ama Nenkoa a, anka wͻ’bεte atua wͻ asaase so, na mmom Osiane no nkakra nkakra (dema wͻn) sεdeε Ɔpε. Nokorε sε Onim Nenkoa yie, na Ohu wͻn nso

42:28

وَهُوَ ٱلَّذِي يُنَزِّلُ ٱلۡغَيۡثَ مِنۢ بَعۡدِ مَا قَنَطُواْ وَيَنشُرُ رَحۡمَتَهُۥۚ وَهُوَ ٱلۡوَلِيُّ ٱلۡحَمِيدُ

Ɔno na Osiane nsuo wͻ akyire yi a wͻn aba mu abuo, na W’ahwete N’ahummͻborͻ (ama Nenkoa). Ɔne Okyitaafoͻ, Ɔne Ayeyie Wura no

42:29

وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦ خَلۡقُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَثَّ فِيهِمَا مِن دَآبَّةٍۚ وَهُوَ عَلَىٰ جَمۡعِهِمۡ إِذَا يَشَآءُ قَدِيرٌ

Nensεnkyerεnee no bi ne ͻsoro ne asaase mmͻeε, εna (ͻsoro ne asaase no) mmienu no so Ɔde abͻdeε ahwete wͻ soͻ. Ɔwͻ ho tumi sε, Ɔpε a Ɔbεboa wͻn ano (wͻ wͻn wuo akyi)

42:30

وَمَآ أَصَٰبَكُم مِّن مُّصِيبَةٍ فَبِمَا كَسَبَتۡ أَيۡدِيكُمۡ وَيَعۡفُواْ عَن كَثِيرٍ

Mmusuo a εbεto mo biara no gyina dwuma a monsa adie so, na pii mpo Ɔde kyε

42:31

وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ فِي ٱلۡأَرۡضِۖ وَمَا لَكُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ مِن وَلِيٍّ وَلَا نَصِيرٍ

Montumi nnsi (Nyankopͻn nhyehyεε) ho kwa wͻ asaase so, na Onyankopͻn akyiri no monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara)

42:32

وَمِنۡ ءَايَٰتِهِ ٱلۡجَوَارِ فِي ٱلۡبَحۡرِ كَٱلۡأَعۡلَٰمِ

Nensεnkyerεnee no bi nso ne nsuo mu hyεn a εwͻ ͻpo so tesε mmepͻ

42:33

إِن يَشَأۡ يُسۡكِنِ ٱلرِّيحَ فَيَظۡلَلۡنَ رَوَاكِدَ عَلَىٰ ظَهۡرِهِۦٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٍ لِّكُلِّ صَبَّارٍ شَكُورٍ

Sε Ɔpε a ͻbεma mframa no agyina na wͻn atεm dinn a wͻn nkeka wͻn ho koraa wͻ ͻpo no so. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema obia osi aboterε na oyi (Nyame) ayε

42:34

أَوۡ يُوبِقۡهُنَّ بِمَا كَسَبُواْ وَيَعۡفُ عَن كَثِيرٍ

Anaasε (Ɔpε nso a) Ɔbεma wͻn amem εnam dwuma a wͻ’nsa adie ho nti; Ɔde pii mpo kyε

42:35

وَيَعۡلَمَ ٱلَّذِينَ يُجَٰدِلُونَ فِيٓ ءَايَٰتِنَا مَا لَهُم مِّن مَّحِيصٍ

Wͻn a wͻ’gye Yεn Nsεm no ho akyinnyeε no behunu sε dwane-kͻbea biara nni hͻ ma wͻn

42:36

فَمَآ أُوتِيتُم مِّن شَيۡءٍ فَمَتَٰعُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۚ وَمَا عِندَ ٱللَّهِ خَيۡرٌ وَأَبۡقَىٰ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَلَىٰ رَبِّهِمۡ يَتَوَكَّلُونَ

Enti deε yεde ama mo biara no yε wiase asetena mu akͻnhoma, na deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εno na εyε paa, na εno nso na εwͻ hͻ daa dema wͻn a wͻ’agye adie, na wͻn Wura Nyankopͻn so na wͻ’de wͻn ho toͻ

42:37

وَٱلَّذِينَ يَجۡتَنِبُونَ كَبَٰٓئِرَ ٱلۡإِثۡمِ وَٱلۡفَوَٰحِشَ وَإِذَا مَا غَضِبُواْ هُمۡ يَغۡفِرُونَ

Ne wͻn a wͻ’twe wͻn ho fri bͻne akεseε ne ahohwi bra ho, nasε wͻn bofu mpo a, wͻ’de kyε

42:38

وَٱلَّذِينَ ٱسۡتَجَابُواْ لِرَبِّهِمۡ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَأَمۡرُهُمۡ شُورَىٰ بَيۡنَهُمۡ وَمِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ يُنفِقُونَ

Ne wͻn a wͻ’gye wͻn Wura Nyankopͻn frε no soͻ, na wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻn dwumadie (biara no wͻ’tena ase) kyerε wͻn adwen wͻ ho, na akyεdeε a Yε’de akyε wͻn no wͻ’yi mu bi dema

42:39

وَٱلَّذِينَ إِذَآ أَصَابَهُمُ ٱلۡبَغۡيُ هُمۡ يَنتَصِرُونَ

Ne wͻn a sε obi redi wͻn amim a (wͻ’nngo wͻn ho mma saa nipa no, na mmom) wͻ’bͻ wͻn ho ban

42:40

وَجَزَٰٓؤُاْ سَيِّئَةٍ سَيِّئَةٌ مِّثۡلُهَاۖ فَمَنۡ عَفَا وَأَصۡلَحَ فَأَجۡرُهُۥ عَلَى ٱللَّهِۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلظَّٰلِمِينَ

Bͻne akatua ne bͻne no ara sεso; na mmom obi a ͻdebεkyε na w’ayε papa no, n’akatua wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε (Onyankopͻn) mpε abͻneεfoͻ no asεm

42:41

وَلَمَنِ ٱنتَصَرَ بَعۡدَ ظُلۡمِهِۦ فَأُوْلَٰٓئِكَ مَا عَلَيۡهِم مِّن سَبِيلٍ

Obia ͻbͻ ne ho ban wͻ εberε a obi adi no amim no, saa nkorͻfoͻ no deε εnsεsε yεfa kwan bi so tia wͻn (anaa yɛbɔ wͻn soboɔ)

42:42

إِنَّمَا ٱلسَّبِيلُ عَلَى ٱلَّذِينَ يَظۡلِمُونَ ٱلنَّاسَ وَيَبۡغُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّۚ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٌ

(Wͻn a) εkwan wͻ hͻ (sε yɛbɔ wͻn soboɔ) ne wͻn a wͻ’di amanfoͻ amim na wͻ’di bͻne wͻ asaase no so a enni ho kwan sε wͻ’yε (saa). Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’benya asotwee yaaya no

42:43

وَلَمَن صَبَرَ وَغَفَرَ إِنَّ ذَٰلِكَ لَمِنۡ عَزۡمِ ٱلۡأُمُورِ

Nokorε sε obi a obenya aboterε na ͻde bͻne afirie no, nokorε sε εno ne dwumadie a edi mmu (a Onyankopͻn pε)

42:44

وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِن وَلِيٍّ مِّنۢ بَعۡدِهِۦۗ وَتَرَى ٱلظَّٰلِمِينَ لَمَّا رَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَ يَقُولُونَ هَلۡ إِلَىٰ مَرَدٍّ مِّن سَبِيلٍ

Obi a Nyankopͻn ayera no no, onni okyitaafoͻ (biara) wͻ N’akyi. Wobεhunu abͻneεfoͻ no wͻ εberε a wͻ’behunu asotwee no sε, wͻ’reka sε: ”Enti εkwan biara nnihͻ a yεde bεsan (akͻ wiase bio)?”

42:45

وَتَرَىٰهُمۡ يُعۡرَضُونَ عَلَيۡهَا خَٰشِعِينَ مِنَ ٱلذُّلِّ يَنظُرُونَ مِن طَرۡفٍ خَفِيٍّۗ وَقَالَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِنَّ ٱلۡخَٰسِرِينَ ٱلَّذِينَ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ وَأَهۡلِيهِمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۗ أَلَآ إِنَّ ٱلظَّٰلِمِينَ فِي عَذَابٍ مُّقِيمٍ

Wobehunu sε yεde wͻn aba (egya no) anim na wͻ’reberε wͻn ho ase wͻ animguaseε mu, na wͻ’de wͻn ani to rehwε (egya no) sie. Wͻn a wͻ’agye adie no bεka sε: ”Nokorε sε berεguofoͻ no ne wͻn a wͻ’ahwere wͻn ho ne wͻn abusuafoͻ wͻ Wusͻreε da no. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ asotwee a εwͻ hͻ daa mu

42:46

وَمَا كَانَ لَهُم مِّنۡ أَوۡلِيَآءَ يَنصُرُونَهُم مِّن دُونِ ٱللَّهِۗ وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِن سَبِيلٍ

Wͻ’nnya okyitaafoͻ a ͻbεboa wͻn wͻ Onyankopͻn akyi. Na obi a Nyankopͻn bεyera no no (saa nipa no) nni ͻkwan (kyerε)

42:47

ٱسۡتَجِيبُواْ لِرَبِّكُم مِّن قَبۡلِ أَن يَأۡتِيَ يَوۡمٌ لَّا مَرَدَّ لَهُۥ مِنَ ٱللَّهِۚ مَا لَكُم مِّن مَّلۡجَإٍ يَوۡمَئِذٍ وَمَا لَكُم مِّن نَّكِيرٍ

Monye mo Wura Nyankopͻn frε no so ansa na Ɛda bi a efri Nyankopͻn hͻ a akwansideε biara nni ho no aba. Saa Da no monni dwanekͻbea biara; na monni (tumi bi a modebεka sε) Mompene (asotwee a yεde bεma mo no) so

42:48

فَإِنۡ أَعۡرَضُواْ فَمَآ أَرۡسَلۡنَٰكَ عَلَيۡهِمۡ حَفِيظًاۖ إِنۡ عَلَيۡكَ إِلَّا ٱلۡبَلَٰغُۗ وَإِنَّآ إِذَآ أَذَقۡنَا ٱلۡإِنسَٰنَ مِنَّا رَحۡمَةً فَرِحَ بِهَاۖ وَإِن تُصِبۡهُمۡ سَيِّئَةُۢ بِمَا قَدَّمَتۡ أَيۡدِيهِمۡ فَإِنَّ ٱلۡإِنسَٰنَ كَفُورٌ

Enti (Nkͻmhyεni), sε wͻ’twe wͻn ho (fri Nokorε no) ho a, Y’annsoma wo sε bεyε wͻn so wεnfoͻ. W’adwuma ne sε wobεbͻ Asεm no ho dawuro. Nokorε sε, sε Yε’ma nnipa ka ahummͻborͻ bi fri Yεn hͻ hwε a na n’ani agye ho, sε mmusuo bi nso to wͻn wͻ dwuma a wͻn adi ato wͻn anim no ho nti a, (εhͻ na wobehunu sε) nokorε, onipa yε boniayεni

42:49

لِّلَّهِ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ يَخۡلُقُ مَا يَشَآءُۚ يَهَبُ لِمَن يَشَآءُ إِنَٰثًا وَيَهَبُ لِمَن يَشَآءُ ٱلذُّكُورَ

Onyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɔbͻ adeε a Ɔpε. Ɔde ͻba baa kyԑ obi a Ɔpε, εna Ɔde ͻba barima nso kyԑ obi a Ɔpε

42:50

أَوۡ يُزَوِّجُهُمۡ ذُكۡرَانًا وَإِنَٰثًاۖ وَيَجۡعَلُ مَن يَشَآءُ عَقِيمًاۚ إِنَّهُۥ عَلِيمٌ قَدِيرٌ

Anaasε Ɔde mmaa ne mmarima kabom (dekyε obi a Ɔpε); obi a Ɔpε nso Ɔyε no bonini. Nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Ɔhyehyε biribiara

42:51

وَمَا كَانَ لِبَشَرٍ أَن يُكَلِّمَهُ ٱللَّهُ إِلَّا وَحۡيًا أَوۡ مِن وَرَآيِٕ حِجَابٍ أَوۡ يُرۡسِلَ رَسُولًا فَيُوحِيَ بِإِذۡنِهِۦ مَا يَشَآءُۚ إِنَّهُۥ عَلِيٌّ حَكِيمٌ

Onyankopͻn nkasa nkyerε onipa gyesε Ɔdefa Adiyisεm so, anaasε ntwaremu bi akyi, anaasε Ɔsoma Bͻfoͻ wͻ Netumi mu ma no beyi deε Ɔpε no kyerε no. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ a Ɔkorͻn, Ɔne Onyansafoͻ

42:52

وَكَذَٰلِكَ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ رُوحًا مِّنۡ أَمۡرِنَاۚ مَا كُنتَ تَدۡرِي مَا ٱلۡكِتَٰبُ وَلَا ٱلۡإِيمَٰنُ وَلَٰكِن جَعَلۡنَٰهُ نُورًا نَّهۡدِي بِهِۦ مَن نَّشَآءُ مِنۡ عِبَادِنَاۚ وَإِنَّكَ لَتَهۡدِيٓ إِلَىٰ صِرَٰطٍ مُّسۡتَقِيمٍ

Saa ara na Yε’nam Yε’tumi so ayi Honhom no (Qur’aan) ama woͻ. Na anka wonnim deε yεfrε no Nwoma no, anaasε gyidie. Na mmom Y’ayε Qur’aan yi nhyerεnee, Yε’de kyerε Yεn nkoa no mu nea Yε’pε kwan. Nokorε sε wo kyerε (amanfoͻ) kwan kͻ kwan tenenee no so

42:53

صِرَٰطِ ٱللَّهِ ٱلَّذِي لَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۗ أَلَآ إِلَى ٱللَّهِ تَصِيرُ ٱلۡأُمُورُ

Onyankopͻn a ͻsoro ne asaase wͻ no no kwan no so. Nokorε sε Onyankopͻn hͻ na nsεm nyinaa san kͻwie

Translation: Sheikh Haroun Ismaeel.