Surah 101 · 11 verses · Sheikh Haroun Ismaeel

Surah Al-Qari'ah in Twi

In English with tafsir

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

101:1

ٱلۡقَارِعَةُ

Dede ne Gyegyeegye (Da) no

101:2

مَا ٱلۡقَارِعَةُ

Ɛdeεn ne Dede ne Gyegyeegye (Da) no

101:3

وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا ٱلۡقَارِعَةُ

Ɛdeεn na εbεkyerε wo sεdeε dede ne Gyegyeegye (Da) no siteε

101:4

يَوۡمَ يَكُونُ ٱلنَّاسُ كَٱلۡفَرَاشِ ٱلۡمَبۡثُوثِ

(Ɛyε) Da a onipa bεyε sε akͻbͻnsͻ a, w’abͻ asanteε

101:5

وَتَكُونُ ٱلۡجِبَالُ كَٱلۡعِهۡنِ ٱلۡمَنفُوشِ

Na mmepͻ nso bεyε sε aboa nwii a εrehu korͻ

101:6

فَأَمَّا مَن ثَقُلَتۡ مَوَٰزِينُهُۥ

(Saa Da no) obi a yεbεsusu (ne papa a ͻyͻeε na) emu bεyε duro (akyεn ne bͻne) no

101:7

فَهُوَ فِي عِيشَةٍ رَّاضِيَةٍ

Obenya asetena pa

101:8

وَأَمَّا مَنۡ خَفَّتۡ مَوَٰزِينُهُۥ

Na mmom obi a ne (papa a ͻyͻeε) mu bεyε hare (akyεn ne bͻne) no

101:9

فَأُمُّهُۥ هَاوِيَةٌ

‘Haawiya’ na εbεyε oni

101:10

وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا هِيَهۡ

Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε ‘Haawiya’ no siteε

101:11

نَارٌ حَامِيَةُۢ

Ɛyε Ogya tanaa a, ano yε hye papaapa

Translation: Sheikh Haroun Ismaeel.