Surah 85 · 22 verses · Sheikh Haroun Ismaeel

Surah Al-Buruj in Twi

In English with tafsir

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

85:1

وَٱلسَّمَآءِ ذَاتِ ٱلۡبُرُوجِ

Mede ͻsoro a, ekuta Nsoromma akεseε

85:2

وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡمَوۡعُودِ

Ne εda a yahyε ho bͻ no

85:3

وَشَاهِدٍ وَمَشۡهُودٍ

Ne ͻdanseni no, ne adeε a, ͻredi ho adanseε no di nse sε

85:4

قُتِلَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡأُخۡدُودِ

Due nka wͻn a wͻ’tuu Amena (de agyidiefoͻ guu mu hyee wͻn)

85:5

ٱلنَّارِ ذَاتِ ٱلۡوَقُودِ

Wͻ ogya tanaa a, yasͻ ano mu no

85:6

إِذۡ هُمۡ عَلَيۡهَا قُعُودٌ

Ɛberε a, na wͻ’te (ogya) no ho no

85:7

وَهُمۡ عَلَىٰ مَا يَفۡعَلُونَ بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ شُهُودٌ

Wͻ’hunuu adeε a wͻ’de yεε agyidiefoͻ no

85:8

وَمَا نَقَمُواْ مِنۡهُمۡ إِلَّآ أَن يُؤۡمِنُواْ بِٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَمِيدِ

Ɛnyε hwee ho nti na wͻ’hyεε wͻn aniεyaa, na mmom sε wͻn agye Otumfoͻ, Ayeyie Wura Nyankopͻn no adi nti

85:9

ٱلَّذِي لَهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٍ شَهِيدٌ

(Nyankopͻn) no a, ͻsoro ne Asaase so Ahennie yε Nedea no. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε

85:10

إِنَّ ٱلَّذِينَ فَتَنُواْ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ ثُمَّ لَمۡ يَتُوبُواْ فَلَهُمۡ عَذَابُ جَهَنَّمَ وَلَهُمۡ عَذَابُ ٱلۡحَرِيقِ

Wͻn a wͻ’tan agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no ani, na wͻn ansakra wͻn adwene no, wͻ’benya Amanehunu gya no mu asotwee, na wͻ’san wͻ ͻhyeε asotwee

85:11

إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُمۡ جَنَّٰتٌ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۚ ذَٰلِكَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡكَبِيرُ

Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie, na wͻ’di dwuma pa no, wͻ’benya Ahemman a, nsubͻnten nenam aseε; na εno ne Nkonimdie kεseε no

85:12

إِنَّ بَطۡشَ رَبِّكَ لَشَدِيدٌ

Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn buma (anaasε N’asotwee) mu yε den papaapa

85:13

إِنَّهُۥ هُوَ يُبۡدِئُ وَيُعِيدُ

Nokorε sε, Ɔno na Ɔhyεε aseε bͻͻ adeε, εna Ɔbεsan de aba nkwa mu bio

85:14

وَهُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلۡوَدُودُ

Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔdͻ ne Ayεmyε Wura no

85:15

ذُو ٱلۡعَرۡشِ ٱلۡمَجِيدُ

(Ɔne) Animuonyam Ahennwa Hene no

85:16

فَعَّالٌ لِّمَا يُرِيدُ

(Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpε

85:17

هَلۡ أَتَىٰكَ حَدِيثُ ٱلۡجُنُودِ

(Nkͻmhyεni), asraafoͻ no ho asεm no abeduru wo hͻ

85:18

فِرۡعَوۡنَ وَثَمُودَ

(Ɛyε) Farao ne Samuud (asraafoͻ no)

85:19

بَلِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فِي تَكۡذِيبٍ

Nanso wͻn a wͻ’nnye nnie no guso po (Nokorε no)

85:20

وَٱللَّهُ مِن وَرَآئِهِم مُّحِيطُۢ

Nyankopͻn firi wͻn akyi atwa ahyia

85:21

بَلۡ هُوَ قُرۡءَانٌ مَّجِيدٌ

Aane, εyε Qur’aan, Animuonyam (Nwoma) noa

85:22

فِي لَوۡحٍ مَّحۡفُوظِۭ

Ɛwͻ (Nyankopͻn) Apaawa (Lawuhul-Mah’fuuz) a, (Soro abͻfoͻ) bͻ ho ban no so

Translation: Sheikh Haroun Ismaeel.