بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
96:1ٱقۡرَأۡ بِٱسۡمِ رَبِّكَ ٱلَّذِي خَلَقَ
Bͻ wo Wura Nyankopͻn a Ɔbͻͻ adeε no din na kenkan
96:2خَلَقَ ٱلۡإِنسَٰنَ مِنۡ عَلَقٍ
(Wo Wura Nyankopͻn a) Ɔbͻͻ onipa firii mogya a abͻ toa mu
96:3ٱقۡرَأۡ وَرَبُّكَ ٱلۡأَكۡرَمُ
Kenkan na wo Wura Nyankopͻn ne Adom Hene no
96:4ٱلَّذِي عَلَّمَ بِٱلۡقَلَمِ
Ɔno na Ɔde twerεdua kyerε adeε
96:5عَلَّمَ ٱلۡإِنسَٰنَ مَا لَمۡ يَعۡلَمۡ
Kyerε onipa adeε a onnim
96:6كـَلَّآ إِنَّ ٱلۡإِنسَٰنَ لَيَطۡغَىٰٓ
Daabi, nokorε sε onipa te atua
96:7أَن رَّءَاهُ ٱسۡتَغۡنَىٰٓ
Efirisε, ͻhwε neho sε ͻsombo
96:8إِنَّ إِلَىٰ رَبِّكَ ٱلرُّجۡعَىٰٓ
Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn hͻ ne (onipa) nnkyi
96:9أَرَءَيۡتَ ٱلَّذِي يَنۡهَىٰ
W’ahunu obi a osi
96:10عَبۡدًا إِذَا صَلَّىٰٓ
(Nyankopͻn) dͻnkͻ no kwan εberε a ɔrefrɛ Nyame
96:11أَرَءَيۡتَ إِن كَانَ عَلَى ٱلۡهُدَىٰٓ
W’ahunu sε saa (nipa) no wͻ ͻkwan tenenee so
96:12أَوۡ أَمَرَ بِٱلتَّقۡوَىٰٓ
Anaasε ͻhyε (amanfoͻ) sε wͻ’nsuro Nyame nyε ahwεyie
96:13أَرَءَيۡتَ إِن كَذَّبَ وَتَوَلَّىٰٓ
W’ahunu sε obu (Nokorε) no sε atorͻsεm dane n’akyi dema
96:14أَلَمۡ يَعۡلَم بِأَنَّ ٱللَّهَ يَرَىٰ
Anaasε onnim sε Nyankopͻn hunu (biribiara)
96:15كـَلَّا لَئِن لَّمۡ يَنتَهِ لَنَسۡفَعَۢا بِٱلنَّاصِيَةِ
Daabi, sε w’annyae a, Yε’bεsͻ n’apampamu puaa no mu
96:16نَاصِيَةٍ كَٰذِبَةٍ خَاطِئَةٍ
Nkontomponi, debͻneεni apampam puaa no
96:17فَلۡيَدۡعُ نَادِيَهُۥ
Na ͻnfrε n’aboafoͻ
96:18سَنَدۡعُ ٱلزَّبَانِيَةَ
Na Yε’bεfrε (Amanehunu gya no mu Abͻfoͻ) Zabaaniya
96:19كـَلَّا لَا تُطِعۡهُ وَٱسۡجُدۡۤ وَٱقۡتَرِب
Daabi, (Nkͻmhyεni) entie no, na mmom wodeε fa w’anim butu fͻm na twe woho bεn (Onyankopͻn)
Translation: Sheikh Haroun Ismaeel.