Surah 44 · 59 verses · Sheikh Haroun Ismaeel
Surah Ad-Dukhan in Twi
بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ
إِنَّآ أَنزَلۡنَٰهُ فِي لَيۡلَةٍ مُّبَٰرَكَةٍۚ إِنَّا كُنَّا مُنذِرِينَ
Nokorε, Ye’sianee (Qur’aan) no wͻ nhyira anadwo (Lailatul Qadr) no mu. Nokorε sε Yεn na Y’εbͻ (nnipa) kͻkͻ
فِيهَا يُفۡرَقُ كُلُّ أَمۡرٍ حَكِيمٍ
(Saa anadwo no) mu na yεtoto dwumadie a edi mmu biara ho ntotoeε
أَمۡرًا مِّنۡ عِندِنَآۚ إِنَّا كُنَّا مُرۡسِلِينَ
Ahyεdeε a efiri Yεn hͻ. Nokorε sε Yεn na Yε’soma Asomafoͻ
رَحۡمَةً مِّن رَّبِّكَۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
(Ɛyε) ahummͻborͻ firi wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔne Onimdefoͻ no
رَبِّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَآۖ إِن كُنتُم مُّوقِنِينَ
Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii Wura no, sε moadwen si mo pi ampa a
لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ يُحۡيِۦ وَيُمِيتُۖ رَبُّكُمۡ وَرَبُّ ءَابَآئِكُمُ ٱلۡأَوَّلِينَ
Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔma nkwa εna Okum; (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn ne moagyanom tetefoͻ no nso Wura Nyankopͻn no
فَٱرۡتَقِبۡ يَوۡمَ تَأۡتِي ٱلسَّمَآءُ بِدُخَانٍ مُّبِينٍ
Enti twεn εda no a wisie kumoo a εda adi pefee bεba ewiem no
يَغۡشَى ٱلنَّاسَۖ هَٰذَا عَذَابٌ أَلِيمٌ
Ɛbεkata nnipa so. (Boniayεfoͻ no bεka sε): “Woi yε asotwee a εyε ya paa
رَّبَّنَا ٱكۡشِفۡ عَنَّا ٱلۡعَذَابَ إِنَّا مُؤۡمِنُونَ
Ye‘Wura, yi asotwee no firi yεn so, Nokorε sε (afei deε) yε’yε agyidiefoͻ
أَنَّىٰ لَهُمُ ٱلذِّكۡرَىٰ وَقَدۡ جَآءَهُمۡ رَسُولٌ مُّبِينٌ
Afutuo bεn bio, wͻ ԑberε a Ɔsomafoͻ aba wͻn hͻ rekyerεkyerε biribiara mu pefee
ثُمَّ تَوَلَّوۡاْ عَنۡهُ وَقَالُواْ مُعَلَّمٌ مَّجۡنُونٌ
Nanso wͻ’dane wͻn ho firi ne ho, na wͻ’ka sε: obi na ͻkyerε no, ͻyε bͻdamfoͻ
إِنَّا كَاشِفُواْ ٱلۡعَذَابِ قَلِيلًاۚ إِنَّكُمۡ عَآئِدُونَ
Nokorε sε, Ye’beyi asotwee no (kakra). Nokorε sε mobεsan akͻ (mo bͻne no) mu
يَوۡمَ نَبۡطِشُ ٱلۡبَطۡشَةَ ٱلۡكُبۡرَىٰٓ إِنَّا مُنتَقِمُونَ
Ɛda a Yε’bεpari asͻ (wͻn) mu nsͻdene no, nokorε sε Yε’betua wͻn bͻne no so ka
وَلَقَدۡ فَتَنَّا قَبۡلَهُمۡ قَوۡمَ فِرۡعَوۡنَ وَجَآءَهُمۡ رَسُولٌ كَرِيمٌ
Nokorε sε Yε’sͻͻ Faro nkorͻfoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan no hwεe; na Ɔsomafoͻ Onimuonyamfoͻ no baa wͻn hͻ
أَنۡ أَدُّوٓاْ إِلَيَّ عِبَادَ ٱللَّهِۖ إِنِّي لَكُمۡ رَسُولٌ أَمِينٌ
(Bεka kyerεε wͻn) sε: ”Fa Onyankopͻn nkoa no mame“. Nokorε meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo
وَأَن لَّا تَعۡلُواْ عَلَى ٱللَّهِۖ إِنِّيٓ ءَاتِيكُم بِسُلۡطَٰنٍ مُّبِينٍ
Na monhwε na moamma mohoso wͻ Nyankopͻn so. Nokorε sε mede tumi anaa nyinasoͻ pefee paa abrε mo
وَإِنِّي عُذۡتُ بِرَبِّي وَرَبِّكُمۡ أَن تَرۡجُمُونِ
Mehwehwε ntwitwagyeε afiri me Wura nemo Wura Nyankopͻn no hͻ sε monnsi me aboͻ nnku me
فَدَعَا رَبَّهُۥٓ أَنَّ هَٰٓؤُلَآءِ قَوۡمٌ مُّجۡرِمُونَ
Enti (Mose) su frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Saa nkorͻfoͻ yi yε nnipa bͻnefoͻ”
فَأَسۡرِ بِعِبَادِي لَيۡلًا إِنَّكُم مُّتَّبَعُونَ
{Onyankopͻn ka kyerεε Mose sε}: “Fa Menkoa no nante anadwo, nokorε sε (Farao ne ne dͻm no) be ti mo
وَٱتۡرُكِ ٱلۡبَحۡرَ رَهۡوًاۖ إِنَّهُمۡ جُندٌ مُّغۡرَقُونَ
(Sε wone wo nkorͻfoͻ twa nsuo no wie a) gyae ͻpo a ayε dinn na emu akyekyε no Nokorε sε (Farao ne nenkorͻfoͻ) yε εdͻm a nsuo bεfa wͻn
كَذَٰلِكَۖ وَأَوۡرَثۡنَٰهَا قَوۡمًا ءَاخَرِينَ
Saa na εteε. Yε’maa nnipa foforͻ bεtenaa wͻn anan mu
فَمَا بَكَتۡ عَلَيۡهِمُ ٱلسَّمَآءُ وَٱلۡأَرۡضُ وَمَا كَانُواْ مُنظَرِينَ
Enti ͻsoro ne asaase ansu wͻn, na yamma wͻn berε
وَلَقَدۡ نَجَّيۡنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ مِنَ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡمُهِينِ
Ampa sε Yε’gyee Israel mma no firii animguaseε asotwee no mu
مِن فِرۡعَوۡنَۚ إِنَّهُۥ كَانَ عَالِيًا مِّنَ ٱلۡمُسۡرِفِينَ
(Yε’gyee wͻn) firi Farao nsam. Nokorε sε na ͻyε ahomasoͻ, na ͻka nsεmmͻnedifoͻ no ho
وَلَقَدِ ٱخۡتَرۡنَٰهُمۡ عَلَىٰ عِلۡمٍ عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ampa sε Yεde nimdeε yii (Israel mma) no maa wͻ’kyεn amansan no nyinaa (wͻ Mose berε so)
وَءَاتَيۡنَٰهُم مِّنَ ٱلۡأٓيَٰتِ مَا فِيهِ بَلَٰٓؤٌاْ مُّبِينٌ
Yε’maa wͻn nsεnkyerεnee nso a nsͻhwε pefee wͻ mu
إِنۡ هِيَ إِلَّا مَوۡتَتُنَا ٱلۡأُولَىٰ وَمَا نَحۡنُ بِمُنشَرِينَ
“Ɛno ara ne yewuo a edi kan no, na yennyane yεn mfri owuo mu bio
فَأۡتُواْ بِـَٔابَآئِنَآ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Sε moyε nokwafoͻ ampa (sε yεbεsan anyane yεn afri owuo mu bio a) εneε momfa y’agya nom (a wͻn awuo no) mmra”
أَهُمۡ خَيۡرٌ أَمۡ قَوۡمُ تُبَّعٍ وَٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ أَهۡلَكۡنَٰهُمۡۚ إِنَّهُمۡ كَانُواْ مُجۡرِمِينَ
Saa nkorͻfoͻ yi na εyε, anaasε Tubbafoͻ no, ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan noa? Yε’sεee wͻn (nyinaa) efirisε nokorε, na wͻ’yε abͻneεfoͻ
وَمَا خَلَقۡنَا ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَمَا بَيۡنَهُمَا لَٰعِبِينَ
Ɛnnyε agodie nti na Yε’bͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii no
مَا خَلَقۡنَٰهُمَآ إِلَّا بِٱلۡحَقِّ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Y’ammͻ ne mmienu wͻ (agorͻ so) na mmom nokorε nti, nanso wͻn mu pii nnim
إِنَّ يَوۡمَ ٱلۡفَصۡلِ مِيقَٰتُهُمۡ أَجۡمَعِينَ
Nokorε sε Aseni Da no yε εberε a yahyε ama wͻn nyinaa
يَوۡمَ لَا يُغۡنِي مَوۡلًى عَن مَّوۡلًى شَيۡـًٔا وَلَا هُمۡ يُنصَرُونَ
(Ɛyε) Da a adamfoͻ ho mma mfasoͻ mma adamfoͻ bi, na wͻ’nnya mmoa nso
إِلَّا مَن رَّحِمَ ٱللَّهُۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلرَّحِيمُ
Gyesε obia Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no
خُذُوهُ فَٱعۡتِلُوهُ إِلَىٰ سَوَآءِ ٱلۡجَحِيمِ
(Yε’bεka akyerε Abͻfoͻ aniεdenfoͻ no sε): “Monyere no ntwe n’ase nkͻto Amanehunu gya no mfinfii
ثُمَّ صُبُّواْ فَوۡقَ رَأۡسِهِۦ مِنۡ عَذَابِ ٱلۡحَمِيمِ
Na afei monhwie nsuohyeε asotwee ngu ne tiri so
ذُقۡ إِنَّكَ أَنتَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡكَرِيمُ
“Ka hwε, (na w’adwen yε wo sε) wo ne otumfoͻ nimuonyamfoͻ no
يَلۡبَسُونَ مِن سُندُسٍ وَإِسۡتَبۡرَقٍ مُّتَقَٰبِلِينَ
Wͻ’firafira serekye kyeme ntomapa duuduro bi ma wͻn anim kyerε wͻn ho wͻn ho anim
كَذَٰلِكَ وَزَوَّجۡنَٰهُم بِحُورٍ عِينٍ
Saa (na εbεyε). Na Yε’de mmaa ahoͻfεfoͻ a wͻn ani-mma akεse-akεse bεka wͻn ho
لَا يَذُوقُونَ فِيهَا ٱلۡمَوۡتَ إِلَّا ٱلۡمَوۡتَةَ ٱلۡأُولَىٰۖ وَوَقَىٰهُمۡ عَذَابَ ٱلۡجَحِيمِ
Wͻ’nnka owuo nhwε (bio), gyesε owuo a edii kan no (ara), na Ɔbεbͻ wͻn ho ban afiri Amanehunu gya no asotwee no mu
فَضۡلًا مِّن رَّبِّكَۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡعَظِيمُ
(Woi yε) adom a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne nkonimdie kεseε paa no
فَإِنَّمَا يَسَّرۡنَٰهُ بِلِسَانِكَ لَعَلَّهُمۡ يَتَذَكَّرُونَ
Ampa sε Y’ama (Qur’aan yi) ayε mmrε wͻ wo kεterεma so sεdeε wͻ’bεkaeε
Translation: Sheikh Haroun Ismaeel.